Aduane

From Wikipedia
Jump to: navigation, hwehwɛ

Aduane yɛ biribiara a wodi[1] ma ɛma nipadua no nya ahoɔden. Mpɛn pii no, yɛnya saa aduane no fi dua bi anaa aboa bi mu, na ahoɔdennuru pii wo mu. Saa aduane no, sɛ wodi a, na ɛkɔ nipadua no mu a, na wo nipadua no atwetwe mu nsu no, na ɛno na ɛma wonya wo nkwammoa a ɛwɔ honam no mu na ahoɔden, na wo nkwa no tumi kɔ so yɛ nea ɛwɔ sɛ ɛyɛ na etumi nyin nso.

Efi abakɔsɛm mu no, nnipa nya aduane denam akwan mmienu so: Wokyin hwehwɛ na woaboa ano, anaa denam kuayɛ so. Nnɛ, kuayɛ adwuma no na ɛde aduane a nnipa pii hia no de ma wɔn.

Aduane a nnipa benya adi no yɛ onipa biara hokwan, a International Covenant on Economic, Social and Cultural Rights (ICESCR) no gye tom sɛ, "ɛyɛ hokwan sɛ obi benya asetena pa, a aduane pa ka ho," na afei, "ɔwɔ hokwan sɛ ɔkɔm rende no."

Types of food[sesa | edit source]

See also[sesa | edit source]

Notes[sesa | edit source]

  1. "food". Encyclopedia Britannica. Retrieved 29 May 2015.